Zechariah 8

Awurade Hyɛ Bɔ Sɛ Obehyira Yerusalem

1Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio. 2Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Metwe Sion ho ninkunu pa ara; metwe ne ho ninkunu anibere so.”

3Nea Awurade se ni, “Mɛsan akɔ Sion na makɔtena Yerusalem. Afei wɔbɛfrɛ Yerusalem Nokware Kuropɔn, na Asafo Awurade bepɔw no, wɔbɛfrɛ no Bepɔw Kronkron.”

4Nea Asafo Awurade se ni: “Nkwakoraa ne mmerewa bɛtenatena Yerusalem mmɔnten so bio a obiara kura pema, esiane onyin nti. 5Na mmarimaa ne mmeawa a wɔredi agoru bɛhyɛ kuropɔn no mmɔnten so ma.”

6Nea Asafo Awurade se ni: “Nkae no de, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa saa bere no, na me nso ɛbɛyɛ me nwonwa ana?”

7Nea Asafo Awurade se ni: “Megye me nkurɔfo afi aman a ɛwɔ apuei ne atɔe no so. 8Mede wɔn bɛsan aba abɛtena Yerusalem; wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn wɔ nokware ne trenee mu.”

9Nea Asafo Awurade se ni: “Mo a afei na morete nsɛm a adiyifo no kae no; adiyifo a na wɔwɔ hɔ bere a wɔtoo Asafo Awurade fi fapem no, monhyɛ mo ho den, na moatumi asi asɔredan no. 10Bere no nnya nsoe no, na wontua apaade mma nnipa anaa mmoa. Atamfo nti, na obiara ntumi nkɔ nʼadwuma so asomdwoe mu, efisɛ na mede mpaapaemu aba wɔn mu. 11Nanso afei de, merenyɛ nkae yi sɛnea meyɛɛ kan no,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

12“Aba no benyin yiye, bobe bɛsow nʼaba, asase no bɛbɔ nʼaduan na ɔsoro nso bɛtɔ ne bosu. Mede saa nneɛma yi nyinaa bɛma nkae yi sɛ wɔn agyapade. 13Mo, Yuda ne Israel, moayɛ nnome wɔ aman no mu, nanso megye mo na moayɛ nhyira. Munnsuro, na monhyɛ mo ho den.”

14Nea Asafo Awurade se ni: “Sɛnea meyɛɛ mʼadwene sɛ mede atoyerɛnkyɛm bɛba mo so, na mannya ahummɔbɔ bere a mo agyanom fuw me bo no, 15saa ara na afei mayɛ mʼadwene sɛ mɛyɛ Yerusalem ne Yuda yiye. Munnsuro. 16Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni: Munni mo ho mo ho nokware. Mummu atɛntrenee wɔ mo asennii; 17mommmɔ pɔw bɔne ntia mo ho mo ho, na monnnɔ ntam hunu. Mikyi saa nneɛma yi nyinaa,” sɛnea Awurade se ni.

18Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn bio. 19Nea Asafo Awurade se ni: “Asram anan, anum, ason ne du mu mmuadadi no bɛyɛ anigye ne ahosɛpɛwmmere, na ɛbɛyɛ anigye afahyɛ ama Yuda. Enti monnɔ nokware ne asomdwoe.”

20Nea Asafo Awurade se ni, “Nnipa bebree ne wɔn a wɔtete nkuropɔn bebree so bɛba ara, 21na nnipa a wofi kuropɔn baako so bɛkɔ foforo so akɔka se, ‘Momma yɛnkɔ mprempren ara nkɔsrɛ Awurade na yɛnhwehwɛ Asafo Awurade. Me de, merekɔ.’ 22Na nnipa bebree ne aman akɛse bɛba Yerusalem abɛhwehwɛ Asafo Awurade no, na wɔakotow asrɛ no.”

23Nea Asafo Awurade se ni: “Nna no mu, nnipa du a wɔka kasa ahorow na wofi aman ahorow so bɛba abeso Yudani atade mmuano mu, na wɔbɛka se, ‘Wo ne yɛn nkɔ, efisɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka wo ho.’ ”
Copyright information for TwiAKNA